2 Kings 13:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔhyɛɛ sɛ, “Bue mpomma a ɛkyerɛ apueeɛ fam no.” Na ɔbueeɛ. Na ɔkaa sɛ, “To!” Na ɔtoeɛ. Na Elisa kaa sɛ, “Yei ne Awurade agyan a ɛyɛ Aram so nkonimdie, ɛfiri sɛ, wobɛdi Aramfoɔ so pasaa wɔ Afek.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔkaa sɛ: Hini apueeɛ mpomma no! Na ɔhiniiɛ. Na Elisa se: To! Na ɔtoe. Na ɔse: AWURADE nkonimdie agyan, Siria so nkonimdie agyan! Na wobɛbɔ Siria wɔ Afek akɔsi sɛ wobɛdwerɛ wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔkaa sɛ: Hini apueeɛ mpomma no! Na ɔhiniiɛ. Na Elisa se: To! Na ɔtoe. Na ɔse: AWURADE nkonimdie agyan, Siria so nkonimdie agyan! Na wobɛbɔ Siria wɔ Afek akɔsi sɛ wobɛdwerɛ wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkae sɛ: Hiɛ apuei mfɛnsere no! Na ohiɛe. Na Elisa se: Tow! Na ɔtowee. Na ose: AWURADE nkonimdi agyan, Siria so nkonimdi agyan! Na wobɛbɔ Siria wɔ Afek akosi sɛ wobɛdwerɛw wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔhyɛe se, “Bue mfɛnsere a ɛkyerɛ apuei fam no.” Na obuei. Na ɔkae se, “Tow!” Na ɔtowee. Na Elisa kae se, “Eyi ne Awurade agyan a ɛyɛ Aram so nkonimdi, efisɛ wubedi Aramfo so pasaa wɔ Afek.