2 Kings 14:1 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Yoas babarima Amasia hyɛɛ aseɛ dii adeɛ wɔ Yuda no, na ɔhene Yehoas adi adeɛ wɔ Israel mfeɛ mmienu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Israelhene Yoahas ba Yoas afe a ɛtɔ so mmienu mu na Yudahene Yoas ba Amasia bɛdii hene.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Israelhene Yoahas ba Yoas afe a ɛtɔ so mmienu mu na Yudahene Yoas ba Amasia bɛdii hene.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Israel hene Yoahas ba Yoas afe a ɛto so abien so na Yuda hene Yoas ba Amasia bedii hene.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Yoas babarima Amasia fii ase dii ade wɔ Yuda no, na ɔhene Yehoas adi ade wɔ Israel mfe abien.