2 Kings 14:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Amasia na ɔkunkumm Edomfoɔ ɔpedu wɔ Nkyene Bɔnhwa no mu no. Ɔno ara nso na ɔdii Sela so nkonim, na ɔtoo hɔ edin Yokteel, edin a wɔde frɛ hɔ de bɛsi ɛnnɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɔno na ɔkumm Edom mu nnipa mpemdu Nkyene-bonhwa mu, na ɔde ɔko faa Sela, na ɔtoo ne din Yokteel de bɛsi nnɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɔno na ɔkumm Edom mu nnipa mpemdu Nkyene-bonhwa mu, na ɔde ɔko faa Sela, na ɔtoo ne din Yokteel de bɛsi nnɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɔno na okum Edom mu nnipa ɔpedu, Nkyene-bon mu, na ɔde ɔko faa Sela, na ɔtoo ne din Yokteel saa bere no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Amasia na okunkum Edomfo mpem du wɔ Nkyene Bon no mu no. Ɔno ara nso na odii Sela so nkonim, na ɔtoo hɔ din Yokteel, din a wɔde frɛ hɔ de besi nnɛ no.