2 Kings 15:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ, Yehu sɛ, “Wʼasefoɔ na wɔbɛyɛ Israel ahemfo akɔsi awontoatoasoɔ a ɛtɔ so ɛnan” mu no, baa mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
(Ɛno ne AWURADE asɛm no a ɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: W’awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan mu mma bɛtena Israel adwa so no baa mu.)
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
(Ɛno ne AWURADE asɛm no a ɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: W’awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan mu mma bɛtena Israel adwa so no baa mu.)
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛno ne AWURADE asɛm no a ɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: W’awo ntoatoaso a ɛto so anan mu mma bɛtena Israel agua so. Na ɛbae sa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ, Yehu se, “Wʼasefo na wɔbɛyɛ Israel ahemfo akosi awo ntoatoaso a ɛto so anan” mu no, baa mu.