2 Kings 15:38 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Yotam wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Ahas bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yotam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kuro mu, na ne ba Ahas bɛdii n’adeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yotam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kuro mu, na ne ba Ahas bɛdii n’adeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yotam wui, na wosiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kurow mu, na ne ba Ahas bedii n’ade.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Yotam wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Ahas bedii nʼade sɛ ɔhene.