2 Kings 17:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɛberɛ a Awurade tee Israel firii Dawid ahemman ho no, wɔfaa Nebat babarima Yeroboam, de no dii wɔn so ɔhene. Na Yeroboam maa Israelfoɔ gyaee Awurade akyidie, ma wɔyɛɛ bɔne kɛseɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Israel te firii Dawid fie ho, na wɔde Nebat ba Yeroboam sii hene, na Yeroboam twee Israel firii AWURADE akyiridie ho, maa wɔyɛɛ bɔne kɛse.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Israel te firii Dawid fie ho, na wɔde Nebat ba Yeroboam sii hene, na Yeroboam twee Israel firii AWURADE akyiridie ho, maa wɔyɛɛ bɔne kɛse.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Israel tew fii Dawid fi ho, na wɔde Nebat ba Yeroboam sii hene, na Yeroboam twee Israel fii AWURADE akyidi ho ma wɔyɛɛ bɔne kɛse.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na bere a Awurade tew Israel fii Dawid ahemman ho no, wɔfaa Nebat babarima Yeroboam, de no dii wɔn so hene. Na Yeroboam maa Israelfo gyaee Awurade akyidi, ma wɔyɛɛ bɔne kɛse.