2 Kings 17:26 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, wɔde nkra kɔmaa Asiriahene sɛ, “Nnipa a woabɔ wɔn atenaseɛ wɔ Israel nkuro so no nnim sɛdeɛ wɔsom asase no so Onyankopɔn. Wasoma agyata akɔ wɔn mu, akɔsɛe wɔn, ɛfiri sɛ, wɔansom no anisɔ mu.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔkɔka kyerɛɛ Asiriahene sɛ: Amanaman a woatutu wɔn de wɔn abɛdua Samaria nkuro mu yi, wɔnnim asase no so Nyankopɔn no atemmudeɛ, enti wasoma agyata ama wɔaba wɔn mu, na hwɛ, wɔrekunkum wɔn, ɛsiane sɛ wɔnnim asase no so Nyankopɔn atemmudeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔkɔka kyerɛɛ Asiriahene sɛ: Amanaman a woatutu wɔn de wɔn abɛdua Samaria nkuro mu yi, wɔnnim asase no so Nyankopɔn no atemmudeɛ, enti wasoma agyata ama wɔaba wɔn mu, na hwɛ, wɔrekunkum wɔn, ɛsiane sɛ wɔnnim asase no so Nyankopɔn atemmudeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔkɔka kyerɛɛ Asaria hene sɛ: Amanaman a woatutu wɔn de wɔn abedua Samaria nkurow mu yi, wonnim asase no so Nyankopɔn no atemmude, enti wasoma agyata aba wɔn mu, na hwɛ, wɔrekunkum wɔn, esiane sɛ wonnim asase no so Nyankopɔn no atemmude.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti wɔde nkra kɔmaa Asiriahene se, “Nnipa a woabɔ wɔn atenase wɔ Israel nkurow so no nnim sɛnea wɔsom asase no so Nyankopɔn. Wasoma gyata akɔ wɔn mu akɔsɛe wɔn, efisɛ wɔansom no anisɔ mu.”