2 Kings 17:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔhene Hosea bisaa mmoa firii Misraimhene a wɔfrɛ no So nkyɛn, sɛ ɔmmoa no na ɔntete ne ho mfiri Asiriahene tumi ase. Ɔbɔɔ pɔ tiaa Asiriahene. Ɛberɛ a Asiriahene hunuu ɛpɔ bɔne a wabɔ no, ɔkyeree no de no too afiase wɔ nʼatuateɛ ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Asiriahene hunuu sɛ Hosea apam ne tiri so, sɛ wasoma abɔfoɔ ama wɔakɔ Misraimhene So nkyɛn, na wamfa apeatoɔ ankɔma Asiriahene sɛ daa afe no. Na Asiriahene bɛkyekyeree no kɔtoo nneduadan mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Asiriahene hunuu sɛ Hosea apam ne tiri so, sɛ wasoma abɔfoɔ ama wɔakɔ Misraimhene So nkyɛn, na wamfa apeatoɔ ankɔma Asiriahene sɛ daa afe no. Na Asiriahene bɛkyekyeree no kɔtoo nneduadan mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Asaria hene hui sɛ Hosea apam ne tiri so na wasoma abɔfo akɔ Misraim hene So nkyɛn, efisɛ wamfa ayɛyɛde ankɔma Asaria hene sɛ ɔyɛ daa afe no; ɛnna Asaria hene bɛkyeree no kɔtoo nneduadan mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔhene Hosea bisaa mmoa fii Misraimhene a wɔfrɛ no So nkyɛn sɛ ɔmmoa no na ɔntew ne ho mfi Asiriahene tumi ase. Ɔbɔɔ pɔw tiaa Asiriahene. Bere a Asiriahene huu pɔw bɔne a wabɔ no, ɔkyeree no de no too afiase wɔ nʼatuatew ho.