2 Kings 18:11 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa ɛberɛ no, Asiriahene twaa Israelfoɔ no asuo, kɔɔ Asiria, de wɔn hyehyɛɛ aman so wɔ Halah wɔ Asubɔnten Habor a ɛwɔ Gosan nkonkɔnoa ne nkuro akɛseɛ a ɛwɔ Media mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Asiriahene tuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔguu Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Asiriahene tuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔguu Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkuro mu,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Asaria hene tuu Israel kɔɔ Asiria, na ɔde wɔn koguu Hala ne Habor, Gosan asubɔnten ho, ne Media nkurow mu,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa bere no, Asiriahene twaa Israelfo no asu kɔɔ Asiria, de wɔn hyehyɛɛ aman so wɔ Halah wɔ Asubɔnten Habor a ɛwɔ Gosan konkɔn so ne nkurow akɛse a ɛwɔ Media mu.