2 Kings 18:14 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Hesekia de saa nkra yi kɔmaa Asiriahene wɔ Lakis sɛ, “Mayɛ mfomsoɔ. Sɛ wobɛfiri ha akɔ nko ara deɛ a, apeatoɔ biara a wobɛgye me no, mɛtua.” Na Asiriahene bisaa mpatadeɛ a ɛboro dwetɛ tɔno 11 ne sikakɔkɔɔ nso bɛyɛ tɔno baako.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yudahene Hesekia soma maa wɔkɔɔ Asiriahene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: Mayɛ bɔne; sane firi me so, na deɛ wode bɛto me soɔ no, mɛsoa. Na Asiriahene hyɛɛ sɛ Yudahene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛseɛ ahasa ne sika dwetikɛseɛ aduasa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yudahene Hesekia soma maa wɔkɔɔ Asiriahene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: Mayɛ bɔne; sane firi me so, na deɛ wode bɛto me soɔ no, mɛsoa. Na Asiriahene hyɛɛ sɛ Yudahene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛseɛ ahasa ne sika dwetikɛseɛ aduasa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yuda hene Hesekia soma kɔɔ Asaria hene nkyɛn wɔ Lakis sɛ: Mayɛ bɔne; san fi me so: Na nea wode bɛto me so no, mɛsoa. Na Asaria hene hyɛe sɛ Yuda hene Hesekia ntua dwetɛ dwetikɛse ahasa ne sika dwetikɛse aduasa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Hesekia de saa nkra yi kɔmaa Asiriahene wɔ Lakis se, “Mayɛ mfomso. Sɛ wubefi ha akɔ nko ara de a, sonkahiri biara a wubegye me no, metua.” Na Asiriahene bisaa mpata a ɛboro dwetɛ tɔn dubaako ne sikakɔkɔɔ nso bɛyɛ tɔn baako.