2 Kings 18:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yeinom nyinaa akyi, Asiriahene somaa ne sahene, nʼasraadɔmhene ne nʼananmusini firii Lakis ne akodɔm a wɔn mu yɛ duru, kɔɔ Hesekia so wɔ Yerusalem. Asiriafoɔ no gyinaa nsukwan bi a ɛma atifi ɔtadeɛ nsuo a ɛbɛn ɛkwan a ɛde kɔ baabi a wɔpa ntoma ani no ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Asiriahene somaa ne sahene anaa Tartan, ne piafoɔ panin anaa Rabsaris, ne nsahyɛfoɔ panin anaa Rabsake no firi Lakis ne dɔm a emu yɛ duro baa Ɔhene Hesekia so wɔ Yerusalem; na wɔforo baa Yerusalem. Na wɔforo baeɛ no, wɔbɛgyinaa atifi tareɛ a ɛwɔ Ntomasifoɔ Asasewa no tempɔn ho no suka ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Asiriahene somaa ne sahene anaa Tartan, ne piafoɔ panin anaa Rabsaris, ne nsahyɛfoɔ panin anaa Rabsake no firi Lakis ne dɔm a emu yɛ duro baa Ɔhene Hesekia so wɔ Yerusalem; na wɔforo baa Yerusalem. Na wɔforo baeɛ no, wɔbɛgyinaa atifi tareɛ a ɛwɔ Ntomasifoɔ Asasewa no tempɔn ho no suka ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Asaria hene somaa ne sahene, anaa Tartan, ne Rabsaris anaa opiani ne ɔhene nsahyɛfo panyin anaa Rabsake fi Lakis ne dɔm a emu yɛ duru baa ɔhene Hesekia nkyɛn Yerusalem; na wɔforo baa Yerusalem; na wobegyinaa atifi tare a ɛwɔ Ɔtamahorofo asasewa no tempɔn ho no suka ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyinom nyinaa akyi no, Asiriahene somaa ne sahene, nʼasraafodɔmhene ne nʼananmusini fii Lakis ne asraafodɔm a wɔn mu yɛ duru, kɔɔ Hesekia so wɔ Yerusalem. Asiriafo no gyinaa nsukwan bi a ɛma atifi ɔtare nsu a ɛbɛn ɔkwan a ɛde kɔ faako a wɔpa ntama ani no ho.