2 Kings 18:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Sɛ wobɛnya apɔnkɔsotefoɔ mpenu, afiri wʼasraadɔm mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei bra na ɛne me wura Asiriahene nto nkyea ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpem mmienu, sɛ wobɛtumi anya nnipa atenatena wɔn so anaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei bra na ɛne me wura Asiriahene nto nkyea ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpem mmienu, sɛ wobɛtumi anya nnipa atenatena wɔn so anaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na afei wo ne me wura Asaria hene nyɛ apam ɛ, na mɛma wo apɔnkɔ mpennu, kyerɛ sɛ wubetumi ama nnipa atenatena wɔn so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Sɛ wubenya apɔnkɔsotefo mpenu, afi wo asraafo mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so.