2 Kings 18:27 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Rabsake no bisaa wɔn sɛ: Wo wura ne wo nkyɛn na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi anaa? Ɛnyɛ mmarima a wɔtete ɔfasuo soɔ yi nkyɛn sɛ wɔnni wɔn ara wɔn sɛbeɛ na wɔnnom wɔn dwonsɔ sɛ mo ara?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Rabsake no bisaa wɔn sɛ: Wo wura ne wo nkyɛn na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi anaa? Ɛnyɛ mmarima a wɔtete ɔfasuo soɔ yi nkyɛn sɛ wɔnni wɔn ara wɔn sɛbeɛ na wɔnnom wɔn dwonsɔ sɛ mo ara?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Rabsake ka kyerɛɛ wɔn sɛ: So wo wura, nni wo nkyɛn, na me wura somaa me sɛ memmɛka nsɛm yi? So ɛnyɛ mmarima a wɔtete ɔfasu so yi nkyɛn, sɛ wonni wɔn ankasa sɛbew na wɔnnom wɔn dwensɔ sɛ mo ara?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Senaherib nanmusini no buae se, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wobetua kuropɔn yi. Ɔkɔm ne osukɔm werɛmfo bɛde nkurɔfo no ara kosi sɛ, wobedi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”