2 Kings 18:28 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔsɔre gyinaeɛ, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so sɛ, “Montie nkra a ɛfiri Asiria ɔhene kɛseɛ no nkyɛn!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Rabsake no gyinaeɛ na ɔde ɛnne kɛseɛ teaa mu Yuda kasa mu kaa sɛ: Montie ɔhenkɛseɛ no, Asiriahene no asɛm:
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Rabsake no gyinaeɛ na ɔde ɛnne kɛseɛ teaa mu Yuda kasa mu kaa sɛ: Montie ɔhenkɛseɛ no, Asiriahene no asɛm:
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Rabsake gyinae na ɔde nne kɛse teɛɛm Yuda kasa mu kae sɛ: Muntie ɔhenkɛse no, Asaria hene no, asɛm:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔsɔre gyinae, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasu no so se, “Muntie nkra a efi Asiria ɔhene kɛse no nkyɛn!