2 Kings 18:32 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na mɛyɛ nhyehyɛeɛ de mo akɔ asase foforɔ bi a ɛte sɛ yei so. Ɛyɛ ɔman a atokoɔ, nsã, burodo, bobe nturo, ngo nnua ne ɛwoɔ abu so hɔ. Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so hɔ. Mompere nkwa, na monyi owuo akwa! “Mommma Hesekia nnaadaa mo nka sɛ, ‘ Awurade bɛgye yɛn!’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
nkɔsi sɛ mɛba mabɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi soɔ, ayuo ne nsa asase, aduane ne bobe nturo asase, ngodua ne ɛwoɔ asase so, na moanya nkwa na moanwu. Na sɛ Hesekia to mo tɛkyerɛmakyene sɛ: AWURADE bɛgye yɛn a, monntie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
nkɔsi sɛ mɛba mabɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi soɔ, ayuo ne nsa asase, aduane ne bobe nturo asase, ngodua ne ɛwoɔ asase so, na moanya nkwa na moanwu. Na sɛ Hesekia to mo tɛkyerɛmakyene sɛ: AWURADE bɛgye yɛn a, monntie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
nkosi sɛ mɛba mabɛfa mo akɔ asase a ɛte sɛ mo asase yi so, awi ne nsa asase, aduan ne bobe nturo asase, ngodua ne ɛwo asase so, na moanya nkwa na moanwu. Na sɛ Hesekia to mo tɛkrɛmakyene sɛ: AWURADE begye yɛn a, munntie.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na mɛyɛ nhyehyɛe de mo akɔ asase foforo bi a ɛte sɛ eyi so. Ɛyɛ ɔman a atoko, nsa, brodo, bobe nturo, ngonnua ne ɛwo abu so hɔ. Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so hɔ. Mompere nkwa, na munyi owu akwa! “Mommma Hesekia nnaadaa mo nka se, ‘ Awurade begye yɛn!’