2 Kings 18:37 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Hilkia babarima Eliakim, ahemfie sohwɛfoɔ ne ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa, ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ, sane kɔɔ Hesekia nkyɛn. Wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔkɔhunuu ɔhene no, kaa asɛm a Asiria ɔnanmusini kaeɛ no kyerɛɛ no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Hilkia ba Eliakim a na ɔdi efie no soɔ no ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf ba Ɔsɛnkaefoɔ Yoa de wɔn ntadeɛ a wɔasunsuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake no nsɛm no kyerɛɛ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Hilkia ba Eliakim a na ɔdi efie no soɔ no ne Ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf ba Ɔsɛnkaefoɔ Yoa de wɔn ntadeɛ a wɔasunsuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake no nsɛm no kyerɛɛ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Hilkia ba Eliakim a odi ofi no so no ne ɔkyerɛwfo Sebna ne ɔsɛnkaefo Yoa, Asaf ba, de wɔn ntade a wɔasunsuane mu baa Hesekia nkyɛn bɛkaa Rabsake nsɛm no kyerɛɛ no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so, Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntade mu, kɔkaa nea ɔsahene no aka akyerɛ no no.