2 Kings 18:7 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ne saa enti, na Awurade ka ne ho, na Hesekia kɔɔ so wɔ biribiara a ɔyɛeɛ mu. Ɔyɛɛ dɔm tiaa Asiriahene, na wantua apeatoɔ amma no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na AWURADE dii n’akyi; baabiara a na ɔfiri korɔ no, ɔnya siadeɛ; na ɔtee Asiriahene so atua, na wansom no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na AWURADE dii n’akyi; baabiara a na ɔfiri korɔ no, ɔnya siadeɛ; na ɔtee Asiriahene so atua, na wansom no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na AWURADE dii n’akyi; baabiara a ofi kɔ no, onya siade; na ɔtew Asaria hene so atua, na wansom no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ne saa nti, na Awurade ka ne ho, na Hesekia kɔɔ so wɔ biribiara a ɔyɛe mu. Ɔyɛɛ dɔm tiaa Asiriahene, na wantua sonkahiri amma no.