2 Kings 19:25 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Na Monteeɛ? Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ. Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho; afei mama aba mu sɛ, moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔ ma wɔdane aboɔ asie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Adɛn wontee, sɛ mefiri meyɛeɛ akyɛreɛ? Na mefiri tete mmerɛ mu na mehyɛɛ no saa, na mama no aba mu, sɛ wɔnsɛe nkuro a afasuo atwa ho ahyia mma no nnanedane akurofo akuakuo,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Adɛn wontee, sɛ mefiri meyɛeɛ akyɛreɛ? Na mefiri tete mmerɛ mu na mehyɛɛ no saa, na mama no aba mu, sɛ wɔnsɛe nkuro a afasuo atwa ho ahyia mma no nnanedane akurofo akuakuo,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
So wontee sɛ mifi meyɛe akyɛ, na mifi tete mmere mu na mehyɛɛ no saa? Afei na mama aba mu, sɛ wɔnsɛe nkurow a afasu atwa ho ahyia mma ɛnnan akurofo akuwakuw,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Na Montee ɛ? Bere tenten a atwam, na mehyɛ too hɔ. Bere bi a atwam no na medwenee ho; afei mama aba mu sɛ, moadan ɔman a mosɛe nkuropɔn a wɔabɔ ho ban.