2 Kings 19:28 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɛsiane mo ahomasoɔ a ɛtia me, na mʼankasa mate no enti, mede me darewa bɛsɔ mo hwene mu, na mede nnareka ato mo ano, na mama mo afa ɛkwan a mofaa so baeɛ no so, asane mo akyi.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛsiane sɛ wobɔ me so dam, na w’ahantan aforo abɛduru m’aso mu nti, mede me kaa bɛhyɛ wo hwenem na mede me nnareka bɛto w’ano mu, na masane wo afa ɔkwan a wonam so baeɛ no so akɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛsiane sɛ wobɔ me so dam, na w’ahantan aforo abɛduru m’aso mu nti, mede me kawa bɛhyɛ wo hwenem na mede me nnareka bɛto w’ano mu, na masane wo afa ɔkwan a wonam so baeɛ no so akɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Esiane sɛ wobɔ me so dam, na w’ahoahoa aforo abedu m’asom nti, mede me darewa mɛhyɛ wo hwenem na mede me nnareka bɛto w’anom, na masan wo mafa ɔkwan a wonam so bae no so akɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na esiane sɛ wo bo huru tia me na wʼahantan adu mʼasom nti, mede me darewa bɛhyɛ wo hwenem, na mede akwankyerɛ dade ahyɛ wʼanom, mɛma wo afa ɔkwan a wofaa so bae no so asan wʼakyi.’