2 Kings 19:31 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na nkaeɛfoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba, na nkaeɛfoɔ dɔm afiri Bepɔ Sion so. Asafo Awurade di nsiyɛ bɛhwɛ ama yei aba mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yerusalem na nnipa nkaeɛ bi bɛfire, na nnipa a wɔafiri mu anya nkwa nso afiri Sion bepɔ so, AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ yei.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yerusalem na nnipa nkaeɛ bi bɛfire, na nnipa a wɔafiri mu anya nkwa nso afiri Sion bepɔ so, AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ yei.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yerusalem nkae bi befi, na nnipa a wɔafi mu anya nkwa nso afi Sion bepɔw so, AWURADE ninkuntwe na ɛbɛyɛ eyi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na nkae bi befi Yerusalem aba, na nkae dɔm afi Bepɔw Sion so. Asafo Awurade pɛ mu na eyi bɛyɛ.