2 Kings 19:35 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Saa anadwo no, Awurade ɔbɔfoɔ kɔɔ Asiria sraban mu, kɔkumm Asiria akodɔm no mpem ɔha aduɔwɔtwe enum. Asiriafoɔ a wɔkaeɛ no nyanee anɔpa no, wɔhunuu sɛ afunu gugu mmɔntene so baabiara.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na anadwo no ara AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsra mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔn nyinaa yɛ awufoɔ afunu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na anadwo no ara AWURADE bɔfoɔ firi kɔkumm Asiria nsra mu nnipa mpemha aduɔwɔtwe nnum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, na wɔn nyinaa yɛ awufoɔ afunu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na anadwo no ara AWURADE bɔfo fi kokum Asaria nsra mu nnipa ɔpeha aduɔwɔtwe anum; na wɔsɔree anɔpa no, na hwɛ, wɔn nyinaa yɛ afunu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Saa anadwo no, Awurade bɔfo kɔɔ Asiria nsraban mu, kokum Asiria asraafo no mpem ɔha aduɔwɔtwe anum. Asiriafo a wɔkae no nyan anɔpa no, wohuu sɛ afunu gugu mmɔnten so baabiara.