2 Kings 19:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ankyɛre, ɔhene Sanaherib nyaa nkra sɛ, Etiopiahene Tirhaka adi akodɔm anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsane akohyia akodɔm no, ɔtoo saa nkra yi sɛ wɔmfa nkɔma Hesekia wɔ Yerusalem.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔtee Etiopiahene Tirhaka nka sɛ: Hwɛ, watu ne wo rebɛko. Na ɔsane somaa abɔfoɔ baa Hesekia nkyɛn bio sɛ:
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔtee Etiopiahene Tirhaka nka sɛ: Hwɛ, watu ne wo rebɛko. Na ɔsane somaa abɔfoɔ baa Hesekia nkyɛn bio sɛ:
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔtee Etiopia hene Tirhaka nka sɛ: Hwɛ, watu ne wo rebɛko. Na ɔsan somaa abɔfo baa Hesekia nkyɛn bio sɛ:
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ankyɛ, ɔhene Sanaherib nyaa nkra se, Etiopiahene Tirhaka adi asraafo anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsan akohyia asraafo no, ɔde saa nkra yi maa sɛ wɔmfa nkɔma Hesekia wɔ Yerusalem.