2 Kings 2:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko pɛ, ogya teaseɛnam baeɛ a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam teteeɛ, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛbaa sɛ, wɔnam rekorɔ na wɔrekasa no, hwɛ, ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ ba bɛpaee wɔn baanu no ntam, na Elia faa ahum mu foro kɔɔ ɔsoro.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛbaa sɛ, wɔnam rekorɔ na wɔrekasa no, hwɛ, ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ ba bɛpaee wɔn baanu no ntam, na Elia faa ahum mu foro kɔɔ ɔsoro.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔnam rekɔ na wɔrekasa no, hwɛ, ogya teaseɛnam ne ogya apɔnkɔ a ɛbɛpaee wɔn baanu no ntam bae, na Elia faa ahum mu foro kɔɔ ɔsoro.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko pɛ, ogya teaseɛnam bae a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam tetewee, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro.