2 Kings 2:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a adiyifoɔ kuo a wɔwɔ Yeriko hunuu asɛm a asie no, wɔteaam sɛ, “Elisa abɛdi Elia adeɛ!” Na wɔkɔhyiaa no, kotoo no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko a wɔwɔ ntentensoɔ no hunuu no, na wɔkaa sɛ: Elia honhom abɛsi Elisa so. Na wɔba bɛhyiaa no, na wɔkotoo no butuu fam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na adiyifoɔ mma a wɔwɔ Yeriko a wɔwɔ ntentensoɔ no hunuu no, na wɔkaa sɛ: Elia honhom abɛsi Elisa so. Na wɔba bɛhyiaa no, na wɔkotoo no butuu fam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na adiyifo mma a wɔwɔ Yeriko wɔ ne ntentenso no huu no no, wɔkae sɛ: Elia honhom abesi Elisa so. Na wɔbae behyiaa no, na wɔkotow no butuw fam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a adiyifo kuw a wɔwɔ Yeriko huu asɛm a asi no, wɔteɛɛ mu se, “Elisa abedi Elia ade!” Na wokohyiaa no, kotow no.