2 Kings 2:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Yeriko mpanimfoɔ kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔdɛɛfoɔ, yɛwɔ dadwene bi. Saa kuro yi daberɛ ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛdeɛ wohunu no. Nanso, nsuo no nyɛ, na asase no nso mma nnɔbaeɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na kuro no mufoɔ no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, kuro yi dabea yɛ fɛ, sɛdeɛ me wura hunu yi; nanso nsuo no nyɛ, na asase no nso awu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na kuro no mufoɔ no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, kuro yi dabea yɛ fɛ, sɛdeɛ me wura hunu yi; nanso nsuo no nyɛ, na asase no nso awu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na kurow no mufo no ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Hwɛ, kurow yi dabea yɛ fɛ, sɛnea me wura hu yi; nanso nsu no nye, na asase no ma ɔpɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, Yeriko mpanyimfo kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no se, “Ɔdɛɛfo, yɛwɔ dadwen bi. Saa kurow yi dabea ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛnea wuhu no. Nanso nsu no nye, na asase no nso mma nnɔbae.”