2 Kings 2:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Yeriko.” Nanso, Elisa buaa bio sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo da.” Enti, wɔnante kɔɔ Yeriko.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Elisa, tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yeriko. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔkɔɔ Yeriko.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Elisa, tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yeriko. Na ɔse: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Na wɔkɔɔ Yeriko.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Elisa, tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yeriko. Na ose: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo. Na woduu Yeriko.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me se, menkɔ Yeriko.” Nanso Elisa buaa bio se, “Mmere dodow a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennyaw wo da.” Enti wɔnantew kɔɔ Yeriko.