2 Kings 2:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔbaa asuo no fa no, Elia bisaa Elisa sɛ, “Ɛdeɛn na menyɛ mma wo ansa na wɔahwim me akɔ?” Na Elisa buaa sɛ, “Mesrɛ wo, ma mennya wo honhom tumi no mmɔho.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛbaa sɛ wɔtwaeɛ no, Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Bisa deɛ menyɛ mma woɔ ansa na wɔafa me afiri wo nkyɛn akɔ. Na Elisa kaa sɛ: Ma wo honhom abupɛn mmienu mmra me so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛbaa sɛ wɔtwaeɛ no, Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Bisa deɛ menyɛ mma woɔ ansa na wɔafa me afiri wo nkyɛn akɔ. Na Elisa kaa sɛ: Ma wo honhom abupɛn mmienu mmra me so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wotwae no, Elia ka kyerɛɛ Elisa se: Bisa nea menyɛ mma wo ansa na wɔafa me afi wo nkyɛn akɔ. Na Elisa sɛ: Ma wo honhom abupɛn abien mmra me so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wotwa wiei no, Elia bisaa Elisa se, “Dɛn na menyɛ mma wo ansa na wɔahwim me akɔ?” Na Elisa buae se, “Mesrɛ wo, ma minnya wo honhom tumi no mmɔho.”