2 Kings 20:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Hesekia gyee Babilonia ananmusifoɔ yi, kyerɛɛ wɔn biribiara a ɔwɔ wɔ nʼadekoradan mu a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam ne ngo a ɛyɛ hwam. Afei nso, ɔde wɔn kɔɔ nʼadekorabea, sane kyerɛɛ wɔn nʼadekoradan mu biribiara. Biribiara nni nʼahemfie hɔ anaa nʼahemman mu hɔ a Hesekia ankyerɛ wɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Hesekia tiee wɔn, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akoradeɛ dan nyinaa, dwetɛ ne sika ne nnuhwam ne ngo pa ne n’akodeɛ dan nyinaa ne deɛ wɔhunu n’akoradeɛ mu nyinaa. Biribiara nni ne fie ne deɛ ɔdi soɔ nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Hesekia tiee wɔn, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akoradeɛ dan nyinaa, dwetɛ ne sika ne nnuhwam ne ngo pa ne n’akodeɛ dan nyinaa ne deɛ wɔhunu n’akoradeɛ mu nyinaa. Biribiara nni ne fie ne deɛ ɔdi soɔ nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Hesekia gyee wɔn, na ɔkyerɛɛ wɔn n’akorade dan nyinaa, dwetɛ ne sika ne nnuhuam ne ngo pa ne n’akode dan nyinaa ne nea wohu n’akorade mu nyinaa. Biribi nni ne fi ne nea odi so nyinaa mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Hesekia gyee Babilonia ananmusifo yi, kyerɛɛ wɔn biribiara a ɔwɔ wɔ nʼadekoradan mu a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhuam ne ngo a ɛyɛ huam. Afei nso, ɔde wɔn kɔɔ nʼadekorabea, san kyerɛɛ wɔn nʼadekoradan mu biribiara. Biribiara nni nʼahemfi hɔ anaa nʼaheman mu hɔ a Hesekia ankyerɛ wɔn.