2 Kings 20:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ansa na ɔrebɛnya ayaresa no, Hesekia bisaa Yesaia sɛ, “Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na Awurade bɛyɛ, de akyerɛ sɛ ɔbɛsa me yadeɛ, na matumi akɔ Awurade Asɔredan mu nnansa so?”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Hesekia bisaa Yesaia sɛ: Ɛdeɛn ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE bɛsa me yadeɛ, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no mɛkɔ AWURADE fie?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Hesekia bisaa Yesaia sɛ: Ɛdeɛn ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE bɛsa me yadeɛ, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no mɛkɔ AWURADE fie?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: Dɛn ne sɛnkyerɛnne sɛ AWURADE bɛsa me yare, na da a ɛto so abiɛsa no mɛkɔ AWURADE fi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ansa na ɔrebenya ayaresa no, Hesekia bisaa Yesaia se, “Nsɛnkyerɛnne bɛn na Awurade bɛyɛ, de akyerɛ sɛ ɔbɛsa me yare, na matumi akɔ Awurade Asɔredan mu nnansa so?”