2 Kings 21:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Yudahene Manase ayɛ akyiwadeɛ bebree. Na mpo, ɔyɛ omumuyɛfoɔ sene Amorifoɔ a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafoɔ anim, de wɔn akɔ ahonisom mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛsiane sɛ Yudahene Manase ayɛ saa akyiwadeɛ yi, na wayɛ bɔne asene deɛ Amorifoɔ a wɔdii n’anim yɛeɛ nyinaa, na ɔde n’abosonhuhuo ama Yuda nso ayɛ bɔne nti,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛsiane sɛ Yudahene Manase ayɛ saa akyiwadeɛ yi, na wayɛ bɔne asene deɛ Amorifoɔ a wɔdii n’anim yɛeɛ nyinaa, na ɔde n’abosonhuhuo ama Yuda nso ayɛ bɔne nti,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Esiane sɛ Yuda hene Manase ayɛ saa akyide yi, na wayɛ bɔne asen nea Amorifo a wodii n’anim yɛe nyinaa, na ɔde n’abosonhuhu ama Yuda nso ayɛ bɔne nti,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Yudahene Manase ayɛ akyiwade bebree. Na mpo, ɔyɛ omumɔyɛfo sen Amorifo a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafo anim de wɔn akɔ ahonisom mu.