2 Kings 21:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛfa ɛkwan a menam so buu Samaria ne Ahab abusua atɛn no so mabu Yerusalem atɛn. Mɛpepa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, te sɛ deɛ obi hohoro ayowaa mu, na ɔdane butu no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mɛtwe Samaria susuhoma mu, ne Ahab fie so taahoma mu aba Yerusalem so, na mɛpepa Yerusalem mu sɛdeɛ wɔpepa ayowa mu, wɔpepa na wɔdane butuo;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mɛtwe Samaria susuhoma mu, ne Ahab fie so taahoma mu aba Yerusalem so, na mɛpepa Yerusalem mu sɛdeɛ wɔpepa ayowa mu, wɔpepa na wɔdane butuo;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mɛtwe Samaria susuhama mu, ne Ahab fi so taahama mu aba Yerusalem so, na mɛpopa Yerusalem mu sɛnea wɔpopa asanka mu, wɔpopa na wɔdan butuw;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛfa ɔkwan a menam so buu Samaria ne Ahab abusua atɛn no so abu Yerusalem atɛn. Mɛpepa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, te sɛnea obi hohoro asanka mu, na ɔdan butuw no.