2 Kings 21:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Manase kunkumm nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kɔsii sɛ, mogya a ɛdi bem hyɛɛ Yerusalem ma, firi tire kɔsi tire. Yei ka bɔne a ɔmaa Yudafoɔ no yɛ de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no Awurade ani so no ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Afei nso, mogya a ɛdi bem nso Manase kaa pii pa gui kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem ma firi ano kɔpem ano, ɛsono ne bɔne a ɔde maa Yuda yɛɛ bɔne, sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛnyɛ AWURADE ani soɔ no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Afei nso, mogya a ɛdi bem nso Manase kaa pii pa ara gui kɔsii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem ma firi ano kɔpem ano, ɛsono ne bɔne a ɔmaa Yuda yɛeɛ, sɛ wɔyɛɛ deɛ ɛnyɛ wɔ AWURADE ani soɔ no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mogya a edi bem nso Manase kaa pii pa ara gui kosii sɛ ɔde hyɛɛ Yerusalem ma fi ano kɔpem ano, ɛsono ne bɔne a ɔmaa Yuda yɛe, sɛ wɔyɛɛ nea enye AWURADE ani so no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Manase kunkum nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kosii sɛ, mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma, fi ti kosi ti. Eyi ka bɔne a ɔmaa Yudafo no yɛ de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no Awurade ani so no ho.