2 Kings 21:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ Israelfoɔ bɛtie mʼahyɛdeɛ a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asuo mfiri asase yi a mede maa wɔn agyanom no so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso meremma Israel nan ntu nkyini mfiri asase a mede mama wɔn agyanom no so bio. Na deɛ wɔnyɛ nkutoo ne sɛ wɔhwɛ yɛ sɛdeɛ mahyɛ wɔn nyinaa ne sɛdeɛ mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa teɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso meremma Israel nan ntu nkyini mfiri asase a mede mama wɔn agyanom no so bio. Na deɛ wɔnyɛ nkutoo ne sɛ wɔhwɛ yɛ sɛdeɛ mahyɛ wɔn nyinaa ne sɛdeɛ mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa teɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
nanso meremma Israel anan ntu nkyin mfi asase a mede mama wɔn agyanom no so bio. Na nea wɔnyɛ nko ne sɛ: Wɔhwɛ yɛ sɛnea mahyɛ wɔn nyinaa ne sɛ mmara a m’akoa Mose hyɛɛ wɔn no nyinaa te no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ Israelfo betie mʼahyɛde a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asu mfi asase yi a mede maa wɔn agyanom no so.”