2 Kings 22:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Monkɔ asɔredan no mu, na monkɔkasa nkyerɛ Awurade mma me, mma nnipa no ne Yuda nyinaa. Mommisa no nsɛm a wɔatwerɛ agu nwoma mmobɔeɛ no a wahunu no ho asɛm. Awurade abufuhyeɛ aba yɛn so, ɛfiri sɛ, yɛn agyanom anni nwoma yi mu nsɛm so. Ɛnyɛ deɛ nwoma yi ka sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Monkɔ nkɔbisa AWURADE mma me, ne ɔman yi ne Yuda nyinaa, nwoma a moahunu yi mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuhyeɛ a adɛre atia yɛn no yɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ yɛn agyanom antie nwoma yi mu nsɛm no, sɛ wɔbɛyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no yɛn ho no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Monkɔ nkɔbisa AWURADE mma me, ne ɔman yi ne Yuda nyinaa, nwoma a moahunu yi mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuhyeɛ a adɛre atia yɛn no yɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ yɛn agyanom antie nwoma yi mu nsɛm no, sɛ wɔbɛyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no yɛn ho no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Monkɔ nkobisa AWURADE mma me ne ɔman yi ne Yuda nyinaa, nhoma a moahu yi mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuhyew a adɛw ahyɛ yɛn no yɛ kɛse, efisɛ yɛn agyanom antie nhoma yi mu nsɛm no sɛ wɔbɛyɛ sɛ wɔakyerɛw yɛn ho no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Monkɔ asɔredan no mu, na monkɔkasa nkyerɛ Awurade mma me, mma nnipa no ne Yuda nyinaa. Mummisa no nsɛm a wɔakyerɛw agu nhoma mmobɔwee no a wahu no ho asɛm. Awurade abufuwhyew aba yɛn so, efisɛ yɛn agyanom anni nhoma yi mu nsɛm so. Ɛnyɛ nea nhoma yi ka sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.”