2 Kings 22:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Amanehunu a mehyɛɛ ho bɔ de tiaa kuropɔn yi no bɛba wo wuo ne wosie akyi. Worenhunu amanehunu a mede bɛba kuropɔn yi so no.’ ” Enti, wɔsane de ne nkra no kɔmaa ɔhene no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti hwɛ, wobɛtoa w’agyanom wɔ asamando, na wɔasie wo damena mu asomdwoeɛ mu, na w’ani renhunu ɔhaw a mede reba ha yi soɔ no nyinaa. Na wɔde asɛm no bɛsee ɔhene.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti hwɛ, wobɛtoa w’agyanom wɔ asamando, na wɔasie wo damena mu asomdwoeɛ mu, na w’ani renhunu ɔhaw a mede reba ha yi soɔ no nyinaa. Na wɔde asɛm no bɛsee ɔhene.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti hwɛ, wobɛtoa w’agyanom wɔ asamando, na wɔasie wo wɔ damoa mu asomdwoe mu, na w’aniwa renhu ɔhaw a mede reba ha yi so no nyinaa. Na wɔde asɛm no besee ɔhene.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Amanehunu a mehyɛɛ ho bɔ de tiaa kuropɔn yi no bɛba wo wu ne wusie akyi. Worenhu amane a mede bɛba kuropɔn yi so no.’ ” Enti wɔsan de ne nkra no kɔmaa ɔhene no.