2 Kings 23:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔtutuu apɔnkɔ sɛso a wɔagu a ɛsisi Awurade Asɔredan ɛkwan no ano a Yuda ahemfo too edin maa owia no nyinaa firii hɔ. Na ne nyinaa wowɔ adihɔ a ɛbɛn opiani bi a wɔfrɛ no Natan-Malek dan ho. Yosia hyee nteaseɛnam a na wɔato edin ama owia no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔyii apɔnkɔ a Yuda ahemfo de ama owia no, AWURADE fie no ano, de kɔɔ opiani Natan-melek da a ɛwɔ akyire abannwa mu no ho, na owia nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔyii apɔnkɔ a Yuda ahemfo de ama owia no, AWURADE fie no ano, de kɔɔ opiani Natan-melek da a ɛwɔ akyire abannwa mu no ho, na owia nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na oyii apɔnkɔ a Yuda ahene de ama owia no AWURADE fi no ano de kɔɔ opiani Natan-melek dan a ɛwɔ akyiri abangua mu no ho, na owia nteaseɛnam no, ɔde ogya hyewee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Otutuu apɔnkɔ sɛso a wɔagu a esisi Awurade Asɔredan kwan no ano a Yuda ahemfo too din maa owia no nyinaa fii hɔ. Na ne nyinaa wowɔ adiwo a ɛbɛn piamni bi a wɔfrɛ no Natan-Malek dan ho. Yosia hyew nteaseɛnam a na wɔato din ama owia no.