2 Kings 23:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yosia bisaa sɛ, “Nkaeɛdum bɛn na ɛwɔ nohoa no?” Na nnipa a wɔwɔ kuro no mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ Onyankopɔn onipa no a ɔfiri Yuda a ɔhyɛɛ nkɔm faa dwuma a woadi seesei wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El ho no ɔboda.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔbisaa sɛ: Nkaeɛ boɔ bɛn na ɛwɔ hɔ a mehunu yi? Na kuro no mufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ Nyankopɔn nipa a ɔfirii Yuda baeɛ, na ɔbɛkaa adeɛ a woayɛ Betel afɔrebukyia yi no damena.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔbisaa sɛ: Nkaeɛ boɔ bɛn na ɛwɔ hɔ a mehunu yi? Na kuro no mufoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ Nyankopɔn nipa a ɔfirii Yuda baeɛ, na ɔbɛkaa adeɛ a woayɛ Betel afɔrebukyia yi no damena.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔkae sɛ: Nkaebo bɛn na ɛwɔ hɔ a mihu yi? Na kurow no mufo ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae na ɔbɛkaa ade a woayɛ Betel afɔremuka yi no damoa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yosia bisae se, “Nkaedum bɛn na mihu no?” Na nnipa a wɔwɔ kurow no mu no ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ Onyankopɔn nipa no a ofi Yuda a ɔhyɛɛ nkɔm faa dwuma a woadi mprempren wɔ afɔremuka a ɛwɔ Bet-El ho no ɔboda.”