2 Kings 23:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no tenaa beaeɛ bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, hyɛɛ apam no mu den bio wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔfiri nʼakoma ne ne kra nyinaa mu bɛdi Awurade mmaransɛm ahyɛdeɛ ne mmara nyinaa so. Ɔfaa saa ɛkwan yi so sii apam no mu nhyehyɛeɛ ahodoɔ a na wɔatwerɛ wɔ nwoma no mu no nyinaa so dua, maa nnipa no nyinaa hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛdi so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔhene gyinaa simpie no so, na ɔpamm AWURADE anim, sɛ ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa bɛdi AWURADE akyi, na wadi ne mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ so, sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no atim. Na ɔman no nyinaa gyinaa apam no so hyɛɛ bɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔhene gyinaa simpie no so, na ɔyɛɛ apam wɔ AWURADE anim, sɛ ɔde n’akoma nyinaa ne ne kra nyinaa bɛdi AWURADE akyi, na wadi ne mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ so, sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔatwerɛ no nwoma yi mu no atim. Na ɔman no nyinaa gyinaa apam no so hyɛɛ bɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene gyinaa sumpii no so, na ɔpamee AWURADE anim, sɛ ɔde koma nyinaa ne ɔkra nyinaa bedi AWURADE akyi, na wadi ne mmara nsɛm ne n’adanse ne n’ahyɛde so, sɛ ɔbɛma apam yi mu nsɛm a wɔakyerɛw nhoma yi mu no atim. Na ɔman no nyinaa kogyinaa apam no so hyɛɛ bɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔhene no tenaa beae bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, hyɛɛ apam no mu den bio wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ se, ofi ne koma ne ne kra nyinaa mu bedi Awurade mmara nsɛm, ahyɛde ne mmara nyinaa so. Ɔfaa saa ɔkwan yi so sii apam no mu nhyehyɛe ahorow a na wɔakyerɛw wɔ nhoma no mu no nyinaa so dua, maa nnipa no nyinaa hyɛɛ bɔ sɛ wobedi so.