2 Kings 23:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔpamoo abosom akɔmfoɔ a Yuda ahemfo a wɔdii ɛkan no yii wɔn no nyinaa, ɛfiri sɛ, na wɔhye nnuhwam wɔ Yuda abosomfie nyinaa mu a mpo, na ɛreyɛ akɔduru Yerusalem kurom. Wɔhyee nnuhwam maa Baal ne owia, ɔsrane ne nsoromma ne ewiem atumfoɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔtutuu asɔfoɔ hunu a Yuda ahemfo sisiiɛ a wɔhyee nnuhwam Yuda nkuro mu, ne Yerusalem ho sorɔnsorɔmmea soɔ, ne wɔn a wɔhyee nnuhwam maa Baal ne owia ne ɔsrane ne ɔsoro-nsoromma ne ɔsoro asafo no nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔtutuu asɔfoɔ hunu a Yuda ahemfo sisiiɛ a wɔhyee nnuhwam Yuda nkuro mu, ne Yerusalem ho sorɔnsorɔmmea soɔ, ne wɔn a wɔhyee nnuhwam maa Baal ne owia ne ɔsrane ne ɔsoro-nsoromma ne ɔsoro asafo no nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na otutuu asɔfo hunu a Yuda ahene sisii a wɔhyew nnuhuam Yuda nkurow mu ne Yerusalem ho sorɔnsorɔmmea so, ne wɔn a wɔhyew nnuhuam ma Baal ne owia ne ɔsram ne owia atenae, nsoromma ne ɔsoro asafo no nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔpam abosom akɔmfo a Yuda ahemfo a wodii kan no yii wɔn no nyinaa, efisɛ na wɔhyew nnuhuam wɔ Yuda abosomfi nyinaa mu a mpo, na ɛreyɛ akodu Yerusalem kurom. Wɔhyew nnuhuam maa Baal ne owia, ɔsram ne nsoromma ne wim atumfo.