2 Kings 24:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔfaa akofoɔ a wɔte apɔ no mpem nson, adwumfoɔ ne atomfoɔ apem a wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔn ho yɛ den na wɔfata akodie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
ne mmarima akofoɔ nyinaa, mpemnson, ne adwumfoɔ ne atomfoɔ apem, wɔn nyinaa mmarima a wɔtumi kɔ ɔsa, na Babel hene tuu wɔn de wɔn kɔɔ Babel.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
ne mmarima akofoɔ nyinaa, mpemnson, ne adwumfoɔ ne atomfoɔ apem, wɔn nyinaa mmarima a wɔtumi kɔ ɔsa, na Babel hene tuu wɔn de wɔn kɔɔ Babel.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
ne mmarima akofo nyinaa, mpemnson, ne adwumfo ne atomfo apem, wɔn nyinaa mmarima a wotumi kɔ ɔsa, na Babel hene tuu wɔn de wɔn kɔɔ Babel.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔfaa akofo a wɔte apɔw no mpem ason, adwumfo ne atomfo apem a wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔn ho yɛ den na wɔfata akodi.