2 Kings 24:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɛno akyi, Misraimhene ansane amma bio. Na Babiloniahene na ɔfaa asase a anka na Misraimfoɔ no agyeɛ no nyinaa, ɛfiri Misraim asuwa no so, kɔsi Asubɔnten Eufrate ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Misraimhene amfiri n’asase so amma bio, ɛfiri sɛ na Babel hene agye deɛ ɛyɛ Misraimhene dea nyinaa afiri Misraim subonhwa ano kɔsi Eufrate asubɔnten ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Misraimhene amfiri n’asase so amma bio, ɛfiri sɛ na Babel hene agye deɛ ɛyɛ Misraimhene dea nyinaa afiri Misraim subonhwa ano kɔsi Eufrate asubɔnten ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Misraim hene ankɔ so amfi n’asase so amma bio, efisɛ Babel hene agye nea ɛyɛ Misraim hene dea nyinaa fi Misraim subon ano kosi asubɔnten Eufrate ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Misraimhene ansan amma bio, efisɛ na Babiloniahene afa nsase a anka na Misraimfo no agye no nyinaa, efi Misraim asuwa no so, kosi Asubɔnten Eufrate ho.