2 Kings 25:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Babiloniafoɔ no bubuu kɔbere mfrafraeɛ afadum, kɔbere mfrafraeɛ nsuo nteaseɛnam ne Po a na ɛwɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no, na wɔsoaa ne nyinaa kɔɔ Babilonia.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na kɔbere mfrafraeɛ adum a ɛwɔ AWURADE fie no ne nsugyeɛ nnaka ne kɔbere mfrafraeɛ po a ɛwɔ AWURADE fie no, Kaldeafoɔ bubui, na wɔsoaa kɔbere mfrafraeɛ no kɔɔ Babel.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na kɔbere mfrafraeɛ adum a ɛwɔ AWURADE fie no ne nsugyeɛ nnaka ne kɔbere mfrafraeɛ po a ɛwɔ AWURADE fie no, Kaldeafoɔ bubui, na wɔsoaa kɔbere mfrafraeɛ no kɔɔ Babel.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na kɔbere adum a ɛwɔ AWURADE fi no ne nsugye nnaka ne kɔbere po a ɛwɔ AWURADE fi no, Kaldeafo no bubui, na wɔsoaa kɔbere no kɔɔ Babel.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Babiloniafo no bubuu kɔbere mfrafrae afadum, nnyinasode a wotumi moma so ne kɔbere mfrafrae Po a na ɛwɔ Awurade asɔredan mu, na wɔde kɔbere mfrafrae no nyinaa kɔɔ Babilonia.