2 Kings 25:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin no sane tasee nkyɛnsee a wɔnoa mu ne nhweaseammɔ ne nkuku ne nkaka nkaeɛ a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ no nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Saa nsramma kukuwa ne nkoraa no, deɛ ɛyɛ sika no, sika, ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ na ankɔbeahene no fa kɔeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Saa nsramma kukuwa ne nkoraa no, deɛ ɛyɛ sika no, sika, ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ na ankɔbeahene no fa kɔeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na nso kukuwa ne nkora no, nea ɛyɛ sika no sika, ne nea ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ, na ankɔbeahene no fa kɔe.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin no san tasee nkankyee a wɔnoa mu ne nhweaseammɔ ne nkuku ne nkaka nkae a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ no nyinaa.