2 Kings 25:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Kɔbere mfrafraeɛ a wɔnya firii afadum mmienu, nsuo teaseɛnam ne Ɛpo no mu no, na emu yɛ duru dodo sɛ wɔbɛtumi akari. Ɔhene Salomo berɛ so na ɔyɛɛ saa nneɛma yi guu Awurade Asɔredan mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Adum mmienu no, ɛpo baako no ne nsugyeɛ nnaka a Salomo yɛ maa AWURADE fie no, nnoɔma yi nyinaa kɔbere mfrafraeɛ no, wɔankari.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Adum mmienu no, ɛpo baako no ne nsugyeɛ nnaka a Salomo yɛ maa AWURADE fie no, nnoɔma yi nyinaa kɔbere mfrafraeɛ no, wɔankari.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Adum abien no, ɛpo biako no ne nsugye nnaka a Solomon yɛ maa AWURADE fi no, nneɛma yi nyinaa kɔbere no, wɔankari.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Kɔbere mfrafrae a wonya fii afadum abien, nsu teaseɛnam ne Po no mu no, na emu yɛ duru dodo sɛ wobetumi akari. Ɔhene Salomo bere so na ɔyɛɛ saa nneɛma yi guu Awurade Asɔredan mu.