2 Kings 25:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na afadum no mu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson. Kɔbere mfrafraeɛ no ntaasoɔ a ɛdeda afadum no mu biara so no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa a wɔde kɔbere mfrafraeɛ no ara bi a ɛyɛ atena sɛso ne ateaa aba sɛso atwa ho nyinaa ahyia de asiesie no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Adum no baako korɔn yɛ basafa dunwɔtwe, na ɛso duntire no yɛ kɔbere mfrafraeɛ, na duntire no korɔn yɛ basafa mmiɛnsa na ntentan ne atoaa aba nsɛsoɔ wowɔ duntire no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ. Na saa na odum a ɛtɔ so mmienu no nso teɛ, ntentan no ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Adum no baako korɔn yɛ basafa dunwɔtwe, na ɛso duntire no yɛ kɔbere mfrafraeɛ, na duntire no korɔn yɛ basafa mmiɛnsa na ntentan ne atoaa aba nsɛsoɔ wowɔ duntire no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ. Na saa na odum a ɛtɔ so mmienu no nso teɛ, ntentan no ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Adum no biako korɔn si basafa dunwɔtwe, na ɛso duntiri no yɛ kɔbere, na duntiri no korɔn si basafa abiɛsa na ntontan ne atea aba sɛso wowɔ duntiri no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere; na saa ara na odum a ɛto so abien no nso te, ntontan no ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na afadum no mu biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason. Kɔbere mfrafrae no ntaaso a ɛdeda afadum no mu biara so no sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa a wɔde kɔbere mfrafrae no ara bi a ɛyɛ ɔtan sɛso ne atoa aba sɛso, atwa ho nyinaa ahyia de asiesie no. Na ɔfadum a ɛka ho no siesiebea ne no sesɛ.