2 Kings 25:30 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Babiloniahene no sane maa Yehoiakyin sika ɛberɛ-ano-berɛ-ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kɔsii ne wu da.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na nnoɔma a ɛfiri ɔhene nkyɛn a wɔde ma no no, da biara no, wɔde maa no ne nkwa nna nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na nnoɔma a ɛfiri ɔhene nkyɛn a wɔde ma no no, da biara no, wɔde maa no ne nkwa nna nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔhene ma wɔmaa no nneɛma bi daa, na ɛkɔɔ so ara ne nkwa nna nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Babiloniahene no san maa Yehoiakin sika bere ano bere ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kosii ne wuda.