2 Kings 3:27 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, ɔfaa ne babarima panin a anka ɛsɛ sɛ ɔdi nʼadeɛ sɛ ɔhene no, de no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afasuo no ho. Yei enti, abufuo kɛseɛ baa Israel so, na wɔsane wɔn akyi kɔɔ wɔn ankasa asase so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔfaa n’abakan a anka ɔbɛsi n’ananmu adi hene no, na ɔde no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ɔfasuo no so. Na abufuo kɛseɛ baa Israel mu, na wɔfirii ne ho sane baa wɔn asase so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔfaa n’abakan a anka ɔbɛsi n’ananmu adi hene no, na ɔde no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ɔfasuo no so. Na abufuo kɛseɛ baa Israel mu, na wɔfirii ne ho sane baa wɔn asase so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔfaa n’abakan a anka obesi n’ananmu adi hene no, na ɔde no bɔɔ ɔhyew afɔre ɔfasu no so. Na abufuw kɛse baa Israel mu, na wofii ne ho san baa wɔn asase so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti ɔfaa ne babarima panyin a anka ɛsɛ sɛ odi nʼade sɛ ɔhene no, de no bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afasu no ho. Abufuw kɛse baa Israel so, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ wɔn ankasa asase so.