2 Kings 4:34 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔbutuu abɔfra no so, de nʼano tuaa abɔfra no ano, de nʼani fam abɔfra no ani, de ne nsa sosɔɔ abɔfra no nsa. Afei, abɔfra no ho hyɛɛ aseɛ yɛɛ hye bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔforo kɔbutuu abɔfra no so, na ɔde n’ano butuu n’ano, na ɔde n’ani butuu n’ani so, na ɔde ne nsam totoo ne nsam, na ɔponoo ne mu, abɔfra no so, na abɔfra no honam yɛɛ hye.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔforo kɔbutuu abɔfra no so, na ɔde n’ano butuu n’ano, na ɔde n’ani butuu n’ani so, na ɔde ne nsam totoo ne nsam, na ɔponoo ne mu, abɔfra no so, na abɔfra no honam yɛɛ hye.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔforo kobutuw abofra no so, na ɔde n’ano butuw n’ano, na ɔde n’aniwa butuw n’aniwa so, na ɔde ne nsam totoo ne nsam, na ɔponoo ne mu, abofra no so, na abofra no honam yɛɛ hyew.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, obutuw abofra no so, de nʼano tuaa abofra no ano, de nʼani fam abofra no ani, de ne nsa susoo abofra no nsa. Afei, abofra no ho fitii ase yɛɛ hyew bio.