2 Kings 4:39 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn mu baako kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔpɛ atosodeɛ, na ɔnyaa ɛferɛ bɔtɔ ma de baeɛ. Ɔtwitwa de guu ɛsɛn no mu a na ɔnnim sɛ awuduro wɔ mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔbaako firi kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔtete fan, na ɔkɔhunuu wiram homa bi, na ɔtetee so wiram ɛferɛ ne ntoma ma, na ɔba bɛtwitwaa mu guu ɛsɛn a aduane wɔ mu no mu; nso na ɔnnim n’adeban.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔbaako firi kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔtete fan, na ɔkɔhunuu wiram homa bi, na ɔtetee so wiram ɛferɛ ne ntoma ma, na ɔba bɛtwitwaa mu guu ɛsɛn a aduane wɔ mu no mu; nso na ɔnnim n’adeban.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na obiako fi kɔɔ wuram sɛ ɔkɔtetew fan, na okohuu wuram hama bi, na ɔtetew so wuram ɛfere ne ntama ma, na ɔba betwitwaa mu guu ɔsɛn a aduan wɔ mu no mu; nso na wonnim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔn mu baako kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔpɛ atosode, na onyaa ɛfere kotoku ma de bae. Otwitwa de guu ɔsɛn no mu a na onnim sɛ awuduru wɔ mu.