2 Kings 4:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a ɔkaa asɛm a asi no kyerɛɛ Onyankopɔn onipa no, ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Afei, tɔn ngo no, na fa tua wʼaka, na sika no bi bɛka ama wode ahwɛ wo ho ne wo mmammarima no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔba bɛka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa no. Na ɔkaa sɛ: Kɔ na kɔtɔn ngo no, na fa tua wo ka, na wo ne wo mma nni deɛ aka no ntena ase.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔba bɛka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa no. Na ɔkaa sɛ: Kɔ na kɔtɔn ngo no, na fa tua wo ka, na wo ne wo mma nni deɛ aka no ntena ase.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔba bɛka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no. Na Onyankopɔn nipa kae sɛ: Kɔ na kɔtɔn ngo no, na fa tua wo ka, na wo ne wo mma nni nea aka no ntena ase.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a ɔkaa asɛm a asi no kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no, ɔka kyerɛɛ no se, “Afei, tɔn ngo no, na fa tua wʼaka, na sika no bi bɛka ama wode ahwɛ wo ho ne wo mmabarima no.”